(Intro to be spoken)
Ɛnnɛ, yɛde awerɛhow ahyiam
sɛ yɛrebegya yɛn Maame dɔfo kwan,
Ɔbaapanin Elizabeth Donkor.
Maame, mfe aduɔson nnum na Onyankopɔn de maa wo tenaa yɛn mu.
Woyɛɛ maame pa, woyɛɛ ɔboafoɔ,
ɔdɔ ne akomapa a wode hwɛɛ yɛn no, yɛn werɛ remfi da.
Ɛnnɛ, wo mma nnson no nyinaa wɔ ha,
de nisuo ne awerɛhow reka sɛ:
“Maame, yɛ ma wo nante yie. Onyankopɔn mfa wo nsie.
Yɛdɔ wo, na yɛn werɛ remfi wo da.
Kosi sɛ yɛbɛhyiam bio.” nante yie!
(Chorus)
Nante yie, Ɔbaapanin Elizabeth,
Nante yie, yɛn Maame dɔfo.
Wo mma nyinaa reka sɛ nante yie,
Yɛde nisuo ne awerɛhoɔ regya wo kwan.
Home wɔ asomdwoeɛ mu, Ɔbaapanin Elizabeth,
Kosi sɛ yɛbɛhyia bio. Nante yie, Maame...
(Verse1)
Maame, ɔbaatanpa!
Ɛyɛ wo mma Angelina ne Cynthia yɛkasɛ
Yɛ da wo ase wɔ wo dɔ,ne nhwɛso pa .
Wo ho nkayɛ bɛtena y’akoma mu daa,
Nante yie, Maame Elizabeth
Wo dɔ remfi y’akoma mu da.
Yɛ da wo ase wɔ biribiara a woyɛɛ maa yɛn,
Nante yie, Maame ɔbaatanpa!
Final Chorus
Nante yie, Ɔbaapanin Elizabeth,
Nante yie, yɛn Maame dɔfo.
Wo mma nyinaa reka sɛ nante yie,
Yɛde nisuo ne awerɛhoɔ regya wo kwan.
Home wɔ asomdwoeɛ mu, Ɔbaapanin Elizabeth,
Kosi sɛ yɛbɛhyiam bio. Nante yie, Maame...
(Verse2)
Maame, e! Maame e!
Ɛyɛ Charllotte ne Sussy .yɛ reka sɛ nante yie o ! yaniso ataa taa nisuo pii, na
Awerɛhow nso ahyɛ y’akoma so.
Yɛ werɛ remfi wo dɔ, na yɛ bɛkaeɛ wo aberebiara
Da yie, Maame. Onyankopɔn mfa wo nsie Abraham koko mu. Yenim sɛ daakye bi yɛn nyinaa behyiam bio. Nante yie ɔbaatanpa!
(Chorus)
Nante yie, Ɔbaapanin Elizabeth,
Nante yie, yɛn Maame dɔfo.
Wo mma nyinaa reka sɛ nante yie,
Yɛde nisuo ne awerɛhoɔ regya wo kwan.
Home wɔ asomdwoeɛ mu, Ɔbaapanin Elizabeth,
Kosi sɛ yɛbɛhyiam bio .Nante yie, Maame.
(Verse3)
Maame, Kojo Emma reka sɛ nante yie o!,
Meda wo ase sɛ Woyɛɛ maame pa,
woyɛɛ ɔbaa a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehyeɛ,
na woyɛɛ adwuma sɛ ɔhwɛfoɔ.
Wɔte ase no,wohwɛɛ nnipa pii,
woboaa nnipa pii,
na wo yii ɔdɔ ne awerɛkyekyerɛ adi maa wɔn a na wɔhia wo mmoa. Nante yie, Maame.
(Chorus)
Nante yie, Ɔbaapanin Elizabeth,
Nante yie, yɛn Maame dɔfo.
Wo mma nyinaa reka sɛ nante yie,
Yɛde nisuo ne awerɛhoɔ regya wo kwan.
Home wɔ asomdwoeɛ mu, Ɔbaapanin Elizabeth,
Kosi sɛ yɛbɛhyia bio. Nante yie, Maame...
(Verse 4)
Maame, Kojo Ketewa ne Ebɛn reka nante yie,
Wo dɔ bɛtena y’akoma mu daa.
Ɛwom sɛ yerentumi nhu wo bio seisei deɛ,
Maame, Ebenezer reka nante yie,
Yɛ da wo ase wɔ nkwa a wode maa yɛn
Awo, ɔbaatanpa, da yie
Wo din bɛtena y’akoma mu daa,
Nante yie, Maame, Nante yie
(Awerɛhow Bridge)
Oo Maame, adɛn nti na wo kɔ?
Yɛn akoma mu ayɛ duru, yɛresu.
Seisei Wakondwa no da hɔ kwa, wo nne yɛn ntee bio,
Nanso wo dɔ wɔ yɛn akoma mu daa
Yɛre frɛ wo, nanso wo mma yɛn mmuayɛ biara
Da yie, Maame, yɛn nyinaa wɔ ha o!
Yɛde nisuo reka sɛ, nante yie.
(Chorus)
Nante yie, Ɔbaapanin Elizabeth,
Nante yie, yɛn Maame dɔfo.
Wo mma nyinaa reka sɛ nante yie,
Yɛde nisuo ne awerɛhoɔ regya wo kwan.
Home wɔ asomdwoeɛ mu, Ɔbaapanin Elizabeth,
Kosi sɛ yɛbɛhyia bio.
Nante yie, Maame... ɔbaatanpa.