(Spoken Intro)
Me Nyankopɔn,mede me ho shyɛ wo nsa!
Sɛ ɔhaw ba me so a, merensuro.
Sɛ atamfo sɔre tia me a, m’ani renwu.
Efisɛ menim sɛ wo ne me wɔ hɔ!
Awurade,ma wo nsa so na kyerɛ wo tumi!
Ma wɔn a wɔrehwɛ sɛ mɛhwe ase no nhu
sɛ wo Awurade, wo yɛ ɔteasefo!
Mma m’anim nngu ase!
Awurade, sɔre boa me!
Kyerɛ wo tumi wɔ m’abrabɔ mu!
ma obiara nhunu sɛ, me Nyankopɔn wo da so yɛ Otumfoɔ Nyankopɔn!
(Verse 1)
Sɛ m’akwan mu yɛ sum a,
Wo na woyɛ me kanea.
Sɛ atamfo sɔre tia me a,
Wo na wo ko ma me.
M’ani rennwu, m’akoma renwiri,
Efisɛ me Nyankopɔn wɔ me nkyɛn.
Mɛgyina pintinn, mɛkɔ so ara,
Wo tumi bɛma me adi nkonim.
(Verse 1)
Sɛ m’akwan mu yɛ sum a,
Wo na woyɛ me kanea.
Sɛ atamfo sɔre tia me a,
Wo na wo ko ma me.
M’ani rennwu, m’akoma renwiri,
Efisɛ me Nyankopɔn wɔ me nkyɛn.
Mɛgyina pintinn, mɛkɔ so ara,
Wo tumi bɛma me adi nkonim.
(Pre-Chorus)
M’ani bɛda wo so, Awurade,
M’akoma bɛdi wakyi.
Nea nnipa ntumi nyɛ no,
Wo na wo betumi ayɛ!
(Chorus)
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase.
Sɛ m’atamfo sɔre tia me a,
Sɛ ɔhaw ba me so a,
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Ma wiase nhu sɛ woyɛ Onyankopɔn.
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase,
Mma m’anim nngu ase!
(Verse 2)
Wɔaka sɛ mɛhwe ase, na ɛnyɛ yie
Nanso me de, m’ani ato wo so.
Wɔaka sɛ anidaso nni hɔ bio,
Nanso me Nyankopɔn wɔ hɔ.
Sɛ nnipa to me twene a,
Wo deɛ, wobɛma me so.
Sɛ wɔto ɛpono bi mu a,
Wo bɛbue foforo ama me.
(Verse 2)
Wɔaka sɛ mɛhwe ase, na ɛnyɛ yie
Nanso me de, m’ani ato wo so.
Wɔaka sɛ anidaso nni hɔ bio,
Nanso me Nyankopɔn wɔ hɔ.
Sɛ nnipa to me twene a,
Wo deɛ, wobɛma me so.
Sɛ wɔto ɛpono bi mu a,
Wo bɛbue foforo ama me.
(Pre-Chorus)
Mɛnsuro, mɛnsuro,
Efisɛ wo ne me wɔ hɔ.
Mɛkɔ so, mɛkɔ so,
Efisɛ wo nsa kura me.
(Chorus)
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase.
Sɛ m’atamfo sɔre tia me a,
Sɛ ɔhaw ba me so a,
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Ma wiase nhu sɛ woyɛ Onyankopɔn.
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase,
Mma m’anim nngu ase!
(Bridge)
Don’t let me be put to shame,
Don’t let me be put to shame.
When I pass through the fire,
You are with me.
When I pass through the waters,
You are with me.
When my strength is gone,
Your power is my strength.
When I become discouraged,
You are the One who lifts me up.
(Bridge )
Mma m'anim nguase,
Mma m'anim nguase.
Wo ne me na ɛnam ogya mu,
Wo ne me na ɛnam nsuo mu.
Sɛ mpo me ma me nsa so a,
Wo nsa kura me.
Sɛ m’ahoɔden sa a,
Wo tumi yɛ me ahoɔden.
(Call and Response)
Awurade, ma wo nsa so!
Kyerɛ wo tumi!
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase!
Mma m’anim nngu ase!
Sɛ atamfo sɔre a?
Awurade, sɔre ma yɛn!
Sɛ ɔhaw ba a?
Yɛde yɛn ho to wo so!
( Chorus)
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase.
Ma ɔbonsam nhu sɛ wo ne me wɔ hɔ,
Ma wiase nhu sɛ wo ne me wɔ hɔ.
Ma wo nsa so, na kyerɛ wo tumi,
Me Nyankopɔn, mma m’anim nngu ase.
Ɛnnɛ de kosi daa,
Mɛdi wo akyi, Awurade!
(Outro)
Ma wo nsa so...
Kyerɛ wo tumi...
Mma m’anim nngu ase...
Me Nyankopɔn...
Mma m’anim nngu ase wɔ asaase yi so.