Verse 1
Awurade asɛm baa Yona nkyɛn bio
“Sɔre, kɔ Nineveh kuro kɛseɛ no mu
Kuro no asɛe, na bɔne ahyɛ mu ma
Ɛfiri ɔhene so kɔsi mmɔfra ketewa so
Obiara nnihɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene
Nanso Awurade wo kyi adebɔneyɛfoɔ wuo
Ɛnyɛ ɔsɛeɛ na wopɛ
Ɛyɛ adwene sakra ne abrabɔ foforɔ
Ampara Ɛnyɛ ɔsɛeɛ na wopɛ
Ɛyɛ ahobraseɛ ne suban pa
Pre-Chorus
Wo bo kyɛre fu
Na wahu mmɔborɔhunu dɔɔso
W’ani nnye asɛmmɔne ho
Na adom na wopɛ.
Chorus
Wɔ Nineveh no, nnipa no su frɛɛ wo
Wɔgyaa wɔn akwan bɔne no
Wohuu wɔn akoma, na wode wɔn kyɛɛ wɔn
Na wo de w’adom gyee wɔn nkwa
Awurade a wo yɛ mmɔborɔhunufoɔ
Na w’adom dɔɔso
Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛsakra a
Wogyae ɔman no asotwe nyinaa
Verse 2
Yona kaa asɛm a wode hyɛɛ n’ano no
“Ɛda aduanan akyi no, asɛmmɔne biara ansi
Niniwefoɔ gyee onyankopɔn asɛm diiɛ
Obiara de aniberɛ sufrɛɛ onyankopɔn
Wohuu wɔn adwensakra no, wotiee wɔn sufrɛ
Na wansɛe wɔn sedeɛ ɔkaeɛ no
Atɛnmuo no sesaeɛ, na wogye kuro no nkwa
Efisɛ wahummɔborɔ so kyɛn wabufuo.
Atɛnmuo no sesaeɛ, na wogye kuro no nkwa
Efisɛ wahummɔborɔ tim hɔ daa.
Chorus (Repeat)
Wɔ Nineveh no, nnipa no su frɛɛ wo
Wɔgyaa wɔn akwan bɔne no
Wohuu wɔn akoma, na wo dom wɔn
Na wo de w’adom gyee wɔn nkwa
Awurade a wo yɛ mmɔborɔhunufoɔ
Na w’adom dɔɔso pii.
Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛsakra a
Wogyaa asotwe no
Bridge
Hwehwɛ yɛn akoma mu, Awurade
Sakra yɛn afiri yɛn akwan bɔne ho
Yabrɛ yɛn ho ase, yɛhwehwɛ w’anim
Hu yɛn mmɔborɔhunu Awurade
Hyira asase no na sakyera yɛn koma
Ma yɛn nda suban pa adi
San soma w’asɛm bio, hyɛ yɛn ma
Ma w’adom mbra yɛn so
Final Chorus
Wo yɛ Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ
Woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ
W’adom tim hɔ afebɔɔ
Firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ
Te sɛ Nineveh no, yɛbɔ yɛn mu ase
yɛ sufrɛ wo, yaba wokyɛn bio
Awurade a wo yɛ adomfoɔ
Nsakyera yɛn nyinaa daa.
Final Chorus
Wo yɛ Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ
Woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ
W’adom tim hɔ afebɔɔ
Firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ
Te sɛ Nineveh no, yɛbɔ yɛn mu ase
yɛ sufrɛ wo, yaba wokyɛn bio
Awurade a wo yɛ adomfoɔ
Nsakyera yɛn nyinaa daa.