(Verse 1)
Mefii fie kɔɔ akyirikyiri
Mede ahoahoa ne ahantan
Mesusui sɛ wiase bɛma me asetena pa
Mepoo ɔdɔ a ɔde dɔɔ me
Mepoo ne kasakyerɛ nyinaa
Nanso abrabɔ no asi me yiye .
Bere a biribiara wɔ me ho no
Nnamfoɔ pii baa menkyɛn
Nanso bere a ahokyerɛ baeɛ no
obiara twee neho fii me ho
Bere a biribiara wɔ me ho no
Nnamfoɔ pii baa menkyɛn
Nanso bere a ahokyerɛ baeɛ no
obiara twee neho fii me ho
Pre-Chorus
Metɔɔ fam ,Metɔɔ fam koraa
Na mennya biribiara na madi
Ɛhɔ na mehunuu Sɛ mafi Magya fie
akɔtɔ amanehunu mu .
Chorus
Ɔbadesɛefo, afei maberɛ
M’ani aba me ho so
Na mahu me mfomsoɔ
Mɛsan akɔ m’agya nkyɛn
Mɛserɛ no sɛ fakyɛ me,
Na mayɛ bɔne kɛseɛ.
Magya hunuu me wɔ akyirikyiri
Ɔtuu mmirika baa me nkyɛn
Ɔyɛɛ me atu, de mesan baa fie bio
Meyɛ ɔbadesɛefo, masan aba fie
Verses 2
Mekɔ bɔɔ bra bɔne
Mesɛe mahodeɛ nyinaa
Mekɔ dii namfo bɔne akyi
Na m'abrabɔ yɛɛ basabasa
Mekaa no wɔ me mu sɛ
“Ɛmfa ho, mɛsan akɔ magya nkyɛn
Mɛka akyerɛ magya sɛ
memmfata sɛ meyɛ ɔba bio
Na mmom ɔnyɛ mesɛ
Asomfoɔ no mu baako
Ɛmfa ho, mɛsan akɔ magya nkyɛn
Mɛka akyerɛ magya sɛ
memmfata sɛ meyɛ ɔba bio
Na mmom ɔnyɛ mesɛ
Asomfoɔ no mu baako
Pre-Chorus 2
Nanso bere a mereba no
Mefii akyirikyiri no
Ɔhwɛɛ me! Ɔhunuu me!
Na ɔnyaa ɔdɔ maa me.
Chorus
Ɔbadesɛefo, afei maberɛ
M’ani aba me ho so
Na mahu me mfomsoɔ
Mɛsan akɔ m’agya nkyɛn
Mɛserɛ no sɛ fakyɛ me,
Na mayɛ bɔne kɛseɛ.
M’agya hunuu me wɔ akyirikyiri
Ɔtuu mmirika baa me nkyɛn
Ɔyɛɛ me atu, de mesan baa fie bio
Meyɛ ɔbadesɛefo, masan aba fie
Bridge
He did not condemn me
He did not judge me
He gave me mercy
He called me His child again
He clothed me with new garments
He placed a ring on my hand
He blessed me and restore me
I am a child again
Bridge
Ɔammu me fɔ
Ɔammu me atɛn
Ɔhuu me mmɔbɔ
Ɔfrɛɛ me ne ba bio
Ɔhyɛɛ me atadeɛ foforɔ
Ɔde kawa hyɛɛ me nsa
Ɔhyiraa me hyɛɛ me den
Masan ayɛ ne ba bio
Final Chorus
Ɔbadesɛefo, afei maberɛ
M’ani aba me ho so
Na mahu me mfomsoɔ
Mɛsan akɔ m’agya nkyɛ
Mɛserɛ no sɛ fakyɛ me, magya
Na mayɛ bɔne kɛseɛ.
M’agya hunuu me wɔ akyirikyiri
Ɔtuu mmirika baa me nkyɛn
Ɔyɛɛ me atu, de mesan baa fie bio
Meyɛ ɔbadesɛefo, masan aba fie
M’agya hunuu me wɔ akyirikyiri
Ɔtuu mmirika baa me nkyɛn
Ɔyɛɛ me atu, de mesan baa fie bio
Meyɛ ɔbadesɛefo, masan aba fie