(Verse 1)
Efi apueiɛ kɔsi atɔeɛ, moma yɛn nsɔre
Efi atifi kɔsi anafoɔ, mmusuakuo gu ahodoɔ
Kasa gu ahodoɔ na edin nso gu ahodoɔ.
Nanso Ɔbɔadeɛ baako na ɔbɔɔ yɛn nyinaa
Yɛnantew asaase yi so de nnwom ahorow
Nanso yɛn akoma hwehwɛ baabi a yɛbɛkɔ
Wɔ ewiase yi mu baabiara
Moma yɛn nyinaa bom, na yɛn to dwom baako
Pre-Chorus
Monyi ɔtan mfi hɔ koraa
Moma ɔdɔ ne ayamye ndi hene
Chorus
Moma yɛn Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ hyɛberɛ baako
Asase baako, anidasoɔ baako, daakye baako
Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, na ɔbɔɔ nnipa nyinaa
Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa.
Moma Yɛn nka mbom daa nyinaa.
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ nhwɛfoɔ baako
Ɔno ne Otumfoɔ Nyankopɔn.
(Verse 2)
Sɛ manso twee nneɛma hyɛ aseɛ a
Moma yɛn pere nhwehwɛ asomdwoeɛ
Onipa biara nni hɔ a ɔwoo sɛ .ɔtanfo
Ɔman biara nso nnihɔ a ɛsɛsɛ ɔyɛ nhyɛsoɔ
Mogya a yɛtumi de ma, ne home a yɛhome
Ka kyerɛ yɛn sɛ, ɔbɔɔ yɛn mma asomdwoeɛ
Sɛ ɔdɔ betumi adi dwuma wɔ akoma mu a
Wiase betumi akɔ n'anim bio
Pre-Chorus
Moma yɛn nsakra yɛn adwene
Na nya ɔdɔ ne ayamye yɛn koma mu
Chorus
Moma yɛn Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ hyɛberɛ baako
Asase baako, anidasoɔ baako, daakye baako
Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, na ɔbɔɔ nnipa nyinaa
Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa.
Moma Yɛn nka mbom daa nyinaa.
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ nhwɛfoɔ baako
Ɔno ne Otumfoɔ Nyankopɔn.
Bridge (call and response)
Yɛpɛ ɔdɔ
Yɛpɛ asomdwoeɛ
Yɛpo ɔtan
Yɛrentɔ yɛn nuanom so were
Wiase baako
Nnipa baako
Onyankopɔn baako
Ɔbɔadeɛ a ɔbɔɔ yɛn nyinaa
Chorus
Moma yɛn Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ hyɛberɛ baako
Asase baako, anidasoɔ baako, daakye baako
Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, na ɔbɔɔ nnipa nyinaa
Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa.
Moma Yɛn nka mbom daa nyinaa.
Yɛyɛ nnipa baako, yɛwɔ nhwɛfoɔ baako
Ɔno ne Otumfoɔ Nyankopɔn.
Pɛ asomdwoeɛ, ɛnyɛ ntɔkwa
Ma amanaman nyinaa nto dwom
Kɔsi asase nyinaa ne mpoano nyinaa
Yɛka sɛ, yɛyɛ abusua baako