[Verse 1]
Mede W’asɛm asie wɔ m’akoma mu
Amma manyɛ bɔne antia wo
W’asɛm no yɛ menan ase kanea
Ɛhyerɛn me kwan so, na manhwe ase
Woasɛm no yɛ pɛ, na ɛrentwam da
Ɛtim hɔ daa, ɛyɛ ɔnokware
Mede W’asɛm asie wɔ m’akoma mu
Amma manyɛ bɔne antia wo
W’asɛm no yɛ menan ase kanea
Ɛhyerɛn me kwan so, na manhwease
Woasɛm no yɛ pɛ, na ɛrentwam da
Ɛtim hɔ daa, ɛyɛ ɔnokware
[Chorus]
Mʼani gye daa, asɛm no nti
na merentoto wʼasɛm ase.
Asɛm no ne Kristo,
ɔno ne yɛn nkwa
Ɔno na wama yɛahunu hann
’asɛm no yɛ tumi a efi soro
Ɛyɛ ahoɔden, ne yɛn gyefo daa
[Verse 2]
W’asɛm no yɛ nsuo a ɛma nkwa
Ɛyɛ aduane a ɛhyɛ yɛn den daa
Ɛyɛ nkwagye a ɛyɛ nokware
Ɛyɛ ɔkwan koro a ɛkɔ soro mu
Yehowa, yɛda wo ase
W’asɛm no yɛ Kristo
[Verse 2]
W’asɛm no yɛ nsuo a ɛma nkwa
Ɛyɛ aduane a ɛhyɛ yɛn den daa
Ɛyɛ nkwagye a ɛyɛ nokware
Ɛyɛ ɔkwan koro a ɛkɔ soro mu
Yehowa, yɛda wo ase
W’asɛm no yɛ Kristo
[Chorus]
Mʼani gye daa, asɛm no nti
na merentoto wʼasɛm ase.
Asɛm no ne Kristo,
ɔno ne yɛn nkwa
Ɔno na wama yɛahunu hann
’asɛm no yɛ tumi a efi soro
Ɛyɛ ahoɔden, ne yɛn gyefo daa
Bridge
Ahyaseɛ no na asɛm no wɔ hɔ
Na ɛne onyankopɔn na ɛwɔ hɔ
Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam
na ɛbɛtena yɛn mu
Asɛm no ne Kristo, yɛda wo ase
[Chorus]
Mʼani gye daa, asɛm no nti
na merentoto wʼasɛm ase.
Asɛm no ne Kristo,
ɔno ne yɛn nkwa
Ɔno na wama yɛahunu hann
’asɛm no yɛ tumi a efi soro
Ɛyɛ ahoɔden, ne yɛn gyefo daa
[Chorus]
Mʼani gye daa, asɛm no nti
na merentoto wʼasɛm ase.
Asɛm no ne Kristo,
ɔno ne yɛn nkwa
Ɔno na wama yɛahunu hann
’asɛm no yɛ tumi a efi soro
Ɛyɛ ahoɔden, ne yɛn gyefo daa