Verse 1
Aseda nyinaa yɛ Awurade dea
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Wonam w’adɔyɛ so ama mayɛ ɔdehyeɛ
Wo mmɔborɔhunu nti, mennya nkwa foforo
Ɛnnɛ, Wo ne mabanbɔn ne me boafoɔ
Wo ayi madesoa nyinaa afi me so
Wɔ piraa wo, guu w'anim ase; asɛnnua no so
De gyee me afiri ɔbonsam nsam
Pre–Chorus
Awurade, Ayeyi nka wo daa
W’ahummɔborɔ dɔɔso
M’ani agye, manya ahomgyeɛ
Ne asomdwe wɔ m’akoma mu
Chorus
Aseda, aseda, yɛ Wo ara
Ɔteasefo Nyankopɔn dea
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo ara dea
Woyɛ me dɔfo pa
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ m’akoma mu
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Me kra ani bɛgye wo ho daa
Verse 2
Woyɛ Otumfoɔ, Woyɛ Ɔhen kɛse
Ɔsoro ne asase yɛ Wodea
Wo dɔ mu na mehu wo tumi
W’ayamyɛ nti, na mete ase
Sɛ mpo mefa amanehunu mu a
Mani da so wɔ wo mu daa
Wosiesie me kwan, woma esi me yie
m’ani agye bio, wɔ nea wayɛ ama me
Pre–Chorus
Awurade, Ayeyi nka wo daa
W’ahummɔborɔ dɔɔso
M’ani agye, m’anya ahomgyeɛ
Ne asomdwe wɔ m’akoma mu
Chorus (Repeat)
Aseda, aseda, yɛ Wo ara
Ɔteasefo Nyankopɔn dea
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo ara dea
Woyɛ me Nyankopɔn
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ m’akoma mu
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Me kra ani bɛgye wo ho daa
Bridge
Me twere wo, me twere wo,
Awurade twere wo daa daa
W’adom nti, w’adɔyɛ nti
Me kra bɛ home wo mu daa
Medan wo, medan wo,
Awurade Medan wo daa daa
Me bɔne nti na wo kɔɔ asɛnnua no so
Wode asomdwe abrɛ me kra
Final Chorus
Aseda, aseda, yɛ Wo ara
Ɔteasefo Nyankopɔn dea
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo ara dea
Woyɛ me Nyankopɔn
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ m’akoma mu
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Me kra ani bɛgye wo ho daa
Repeat Final Chorus
Aseda, aseda, yɛ Wo ara
Ɔteasefo Nyankopɔn dea
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo ara dea
Woyɛ me Nyankopɔn
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ m’akoma mu
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Me kra ani bɛgye wo ho daa