Verse 1
Monyɛ kronkron sɛnea Yesu teɛ no
Mommma bɔne nni mo abrabɔ so bio,
Mo nantew Nakwan so, mondi nanamɔn akyi
Momma mo nneyɔeɛ nhyɛ Ne din anuonyam.
Chorus
Owura, yɛ yɛn kronkron, hohoro yɛn koma mu
Na yɛnda w’anuonyam adi wɔ wiase yi mu
Bɔ yɛn ho ban na to yɛn gyidie mu
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu wɔ ɔdɔ ne adom mu.
Verse 2
Monyɛ kronkron sɛ Yesu, ahobrɛase mu,
Mo ntow mo boase , sɛnea abɔfra teɛ
Wɔn a ɔyɛ mmerɛ no, monhyɛ wɔn den
Nhyira ne wɔn a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ
.Chorus
Owura, yɛ yɛn kronkron, hohoro yɛn koma mu
Na yɛnda w’anuonyam adi wɔ wiase yi mu
Bɔ yɛn ho ban na to yɛn gyidie mu
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu wɔ ɔdɔ ne adom mu.
Verse 3
Monyɛ kronkron sɛ Yesu, Onyame oguaamaa No
Ne mogya no te yɛn ho, ɛnyɛ yɛn ndwuma pa
Honhom no hyɛ yɛn ma, wayi yɛn afi bɔne mu
Wahyɛ yɛn tenenee atadeɛ. Yɛbɛ yi ne din ayɛ daa
.Chorus
Owura, yɛ yɛn kronkron, hohoro yɛn koma mu
Na yɛnda w’anuonyam adi wɔ wiase yi mu
Bɔ yɛn ho ban na to yɛn gyidie mu
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu wɔ ɔdɔ ne adom mu.
Verse 4
Monyɛ kronkron sɛ Yesu, wɔ bibiara mu
Kosi sɛ yɛbɛhu No sɛ Awurade, ne Yɛn yonko.
Sɛ ɛba saa a da no, yɛ bɛ di nkonim,
Yɛbɛ yɛ Kronkron daa wɔ Agya nifa hɔ.
Chorus
Owura, yɛ yɛn kronkron, hohoro yɛn koma mu
Na yɛnda w’anuonyam adi wɔ wiase yi mu
Bɔ yɛn ho ban na to yɛn gyidie mu
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu wɔ ɔdɔ ne adom mu.
Repeat chorus
Owura, yɛ yɛn kronkron, hohoro yɛn koma mu
Na yɛnda w’anuonyam adi wɔ wiase yi mu
Bɔ yɛn ho ban na to yɛn gyidie mu
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Yesu wɔ ɔdɔ ne adom mu.