[Verse 1]
Job yɛ ɔbarima treneeni wɔ Us asase so
Na Ɔsuro Onyankopɔn, ɔkwan pa na ɔfa so.
Na afei da koro pɛ na nneɛma sesae,
N’anantwie ne ne nguan nyinaa yeraeyɛ
Ne mma nso wuiɛ wɔ ahokyere mu,
N’akoma tuyɛ nanso waammɔ mmusu.
Ɔkotow kaa sɛ: “Awurade na ɔde ɔmae
Na Awurade nso na wagye bio.”
Ne mma nso wuiɛ wɔ ahokyere mu,
N’akoma tuyɛ nanso waammɔ mmusu.
Ɔkotow kaa sɛ: “Awurade na ɔde ɔmae
Na Awurade nso na wagye bio.”
[Pre-Chorus]
Ɛnyɛ sika na ɛma gyidi yɛ den,
Ɛnyɛ ahonyadeɛ na ɛkyerɛ ɔdɔ.
Sɛ wiase nyinaa ko tia wo a,
Onyankopɔn da so di hene.
[Chorus]
Hiob gyinaa pintinn, wampaaba da,
Ɔde ne werɛ hyɛɛ Awurade mu
Hiob gyinaa pintinn Ɔkae sɛ:
Menim sɛ medimafo tease daa
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Awurade ne me boafoɔ. Ɔno na ɔbɛyɛ.
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Mede me ho bɛto ne so daa nyinaa
[Verse 2]
Yareɛ baa ne nipadua nyinaa so,
akuro a ɛyɛ yea totɔɔ neho firi
ne nan ase kɔsii nʼapampam.
Nnamfo baa bɛkasa tiaa no,
Wɔkaa sɛ bɔne bi nti na ɔrehunu amane.
Nanso Hiob gyinaa ne gyidie mu
Ɔkae sɛ: “adagyamu na me baayɛ
Na adagya mu na mɛsan akɔ
Wɔkaa sɛ bɔne bi nti na ɔrehunu amane.
Nanso Hiob gyinaane gyidie mu
Ɔkae sɛ: “adagyamu na me baayɛ
Na adagya mu na mɛsan akɔ
[Bridge – Call & Response]
Lead: Hwan na ɔte ase daa?
Response: Onyankopɔn!
Lead: Hwan na ɔhyɛ ne mma den?
Response: Onyankopɔn!
Lead: Hwan na ɔsesa awerɛhoɔ yɛ anigyeɛ?
Response: Onyankopɔn!
Lead: Hwan na ɔsa ayarefoɔ yareɛ?
Response: Yesu Kristo!
[Verse 3]
Ɔkɔɔ so bɔɔ mpaebɔ na ɔbrɛɛ neho ase no,
Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde
nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.
Ɔhyiraa ne nna a edi akyire no sen kane.
Enti sɛ worefa ɔhaw mu nnɛ yi a,
Mma w’aba mu mmu da. Gyina pintinn
Hiob Nyankopɔn da so te ase,
Ɔbɛsesa wo awerɛhoɔ ayɛ no anigyeɛ
Enti sɛ worefa ɔhaw mu nnɛ yi a,
Mma w’aba mu mmu da. Gyina pintinn
Hiob Nyankopɔn da so te ase,
Ɔbɛsesa wo awerɛhoɔ ayɛ no anigyeɛ
(Break )
Hiob gyinaa mu, yɛn nso yɛbɛ gyina mu
Yɛde yɛn ho bɛto Awurade so daa.
Sɛ anadwo mpo bɛba a, Anɔpa hann bɛpue bio.
Hiob gyinaa mu no, ɔdii nkonim,
Awurade hyɛɛ no animuonyam.
Onyankopɔn di tumi daa, Na ɔrennyae ne mma da!”
Pre-Chorus]
Ɛnyɛ sika na ɛma gyidi yɛ den,
Ɛnyɛ ahonyadeɛ na ɛkyerɛ ɔdɔ.
Sɛ wiase nyinaa ko tia wo a,
Onyankopɔn da so di hene.
[Chorus]
Hiob gyinaa pintinn, wampaaba da,
Ɔde ne werɛ hyɛɛ Awurade mu
Hiob gyinaa pintinn Ɔkae sɛ:
Menim sɛ medimafo tease daa
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Awurade ne me boafoɔ. Ɔno na ɔbɛyɛ.
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Mede me ho bɛto ne so daa nyinaa
[Chorus]
Hiob gyinaa pintinn, wampaaba da,
Ɔde ne werɛ hyɛɛ Awurade mu
Hiob gyinaa pintinn Ɔkae sɛ:
Menim sɛ medimafo tease daa
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Awurade ne me boafoɔ. Ɔno na ɔbɛyɛ.
Sɛ nneɛma nyinaa afiri me nsam mpoa,
Mede me ho bɛto ne so daa nyinaa
[Outro]
Wo a wore hunu amane no,
Gyina pintinn! Wo Nyankopɔn nni wo huammɔ.
Sɛ ɔyɛɛ Hiob deɛ a, Ɔbɛyɛ wo deɛ nso. Hallelujah!