(Verse 1)
Menante wɔ sum mu,
Meyera wɔ me bɔne mu
awerɛhoɔ hyɛɛ me koma ma
Na Asomdwoeɛ nni me mu
Na Yesu frɛɛ me
ƆFrɛɛ me baa ne nkyɛn
me nkɔnsɔnkɔnsɔn abubu
Ne mogya agye me nkwa
(Verse 1)
Menante wɔ sum mu,
Meyera wɔ me bɔne mu
awerɛhoɔ hyɛɛ me koma ma
Na Asomdwoeɛ nni me mu
Na Yesu frɛɛ me
ƆFrɛɛ me baa ne nkyɛn
me nkɔnsɔnkɔnsɔn abubu
Ne mogya agye me nkwa
(Chorus)
Mayɛ abɔdeɛ foforo wɔ Kristo mu
nneɛma dadaa no atwam
Seesei nneɛma nyinaa ayɛ foforo
Yesu na ɔyɛ me kwankyerɛfo
Mayɛ foforo wɔ akoma mu
Mayɛ foforo Wɔ Yesu mu
Mɛyi ne din ayɛ daa
Mɛda no ase daa
(Verse 2)
Abɔdeɛ Dada no yɛ animguaseɛ
Akoma dada no hunu yaw
Na me kra ne Onyankopɔn ntam atwe
Na ɔkwan no ware paa
Nanso Yesu mmɔborɔhunu
Ɔde me aba Agya no nkyɛn
Seesei ne Honhom te me mu
Ɔkyerɛ me kwan daa
(Verse 2)
Abɔdeɛ Dada no yɛ animguaseɛ
Akoma dada no hunu yaw
Na me kra ne Onyankopɔn ntam atwe
Na ɔkwan no ware paa
Nanso Yesu mmɔborɔhunu
Ɔde me aba Agya no nkyɛn
Seesei ne Honhom te me mu
Ɔkyerɛ me kwan daa
(Chorus)
Mayɛ abɔdeɛ foforo wɔ Kristo mu
nneɛma dadaa no atwam
Seesei nneɛma nyinaa ayɛ foforo
Yesu na ɔyɛ me kwankyerɛfo
Mayɛ foforo wɔ akoma mu
Mayɛ foforo Wɔ Yesu mu
Mɛyi ne din ayɛ daa
Mɛda no ase daa
Bridge
Awerɛhoɔ nni hɔ bio
Suro nso nni me mu
Yesu ahohoro me bɔne
Wɔ Ne mogya no mu
Bridge
Awerɛhoɔ nni hɔ bio
Suro nso nni me mu
Yesu ahohoro me bɔne
Wɔ Ne mogya no mu
Chorus
Mayɛ abɔdeɛ foforo wɔ Kristo mu
nneɛma dadaa no atwam
Seesei nneɛma nyinaa ayɛ foforo
Yesu na ɔyɛ me kwankyerɛfo
Mayɛ foforo wɔ akoma mu
Mayɛ foforo Wɔ Yesu mu
Mɛyi ne din ayɛ daa
Mɛda no ase daa
Chorus
Mayɛ abɔdeɛ foforo wɔ Kristo mu
nneɛma dadaa no atwam
Seesei nneɛma nyinaa ayɛ foforo
Yesu na ɔyɛ me kwankyerɛfo
Mayɛ foforo wɔ akoma mu
Mayɛ foforo Wɔ Yesu mu
Mɛyi ne din ayɛ daa
Mɛda no ase daa