Ei! Ei! Ei!
Abrabɔ nyɛ mmerɛ oo!
Nanso Onyankopɔn da so te ase!
Momma yɛn nyinaa nto dwom!
Verse 1
Obiara wɔ n’adesoa a ɔsoa,
Sikani su, ohiani nso su paa
Ebinom rehwehwɛ adwuma,
ebinom rehwehwɛ aduane
Ebinom mpo ntumi nda anadwo
Nisuo wɔ wɔn ani so, kosi adekyeɛ
nanso wɔde sereɛ te wɔn anim,
Onyankopɔn nko ara na ɔma adom.
Pre-Chorus
Ɛnyɛ wo nko ara na worefa amane mu,
Owia akyi no, osu nso tɔ.
Kura wo gyidi mu na mma ɛmpaa abaw,
Onyankopɔn bɛhyira wo ama wo kuruwa ayɛ ma.
Chorus
Yɛn nyinaa yɛwɔ abrabɔ mu ɔko,
Nanso Yehowa bɛma asomdwoe aba.
Sɛ ɔko no yɛ den na ahoɔden sa a,
Ne tumi bɛhyɛ yɛn den
Kɔ so gyina pintinn, ko kɔ w'anim
Nna pa bɛba da bi.
Verse 2
Ɛna de ahoɔden hwehwɛ aduan ma ne mma
Agya nso yɛ adwuma de hwɛ abusua.
Mmerante ne mmabaa repere wɔn daakye,
Wɔrebɔ mpae sɛ Onyankopɔn nhyira wɔn.
Sɛ sika mpo nni bɔtɔ mu mpo a,
Onyankopɔn betumi asesa w’asetena ntɛm ara.
Sɛ sika mpo nni bɔtɔ mu mpo a,
Onyankopɔn betumi abue ɔkwan foforɔ ama wo
Call and Response
(Ɔkandifoɔ): Hena na ɔboa yɛn?
(Nnipa Nyinaa:)Yesu! Yesu!
(Ɔkandifoɔ:) Hena na ɔpepa yɛn anisuo
(Nnipa Nyinaa): Yesu! Yesu!
(Ɔkandifoɔ) Hena na ɔndi nhwammɔ?
(Nnipa Nyinaa) Otumfoɔ Onyankopɔn !
Call and Response
(Ɔkandifoɔ): Hena na ɔboa yɛn?
(Nnipa Nyinaa:)Yesu! Yesu!
(Ɔkandifoɔ:) Hena na ɔpepa yɛn anisuo
(Nnipa Nyinaa): Yesu! Yesu!
(Ɔkandifoɔ) Hena na ɔndi nhwammɔ?
(Nnipa Nyinaa) Otumfoɔ Onyankopɔn !
Verse 3
Mfa wo bra ntoto obi foforo deɛ ho,
Onyankopɔn wɔ ne botae ma obiara
Asuwa nketewa nso bɛyɛ asubɔnten akɛse,
Gye Awurade bɔhyɛ no di daa.
Boasetɔ ne mpaebɔ ho hia kɛse
Na ɛde wo akɔ bɔhyɛ asase no so.
Boasetɔ ne mpaebɔ ho hia kɛse
Na ɛbɛboa wo ama wo asi wo yie
Pre-Chorus
Ɛnyɛ wo nko ara na worefa amane mu,
Owia akyi no, osu nso tɔ.
Kura wo gyidi mu na mma ɛmpaa abaw,
Onyankopɔn bɛhyira wo ma wo kuruwa ayɛ ma.
Chorus
Yɛn nyinaa yɛwɔ abrabɔ mu ɔko,
Nanso Yehowa bɛma asomdwoe aba.
Sɛ ɔko no yɛ den na ahoɔden sa a,
Ne tumi bɛhyɛ yɛn den
Kɔ so gyina pintinn, ko kɔ w'anim
Nna pa bɛba da bi.
Bridge
Sɛ wohwe ase nnɛ a, wobɛ sɔre bio,
Mma awerɛhoɔ nkyekyere wo.
Anadwo biara akyi no, adeɛ kyeeɛ nso pue
Onyankopɔn bɛdane deɛ aseɛ no ayɛ no yie
Bridge
Sɛ wohwe ase nnɛ a, wobɛ sɔre bio,
Mma awerɛhoɔ nkyekyere wo.
Anadwo biara akyi no, adeɛ kyeeɛ nso pue
Onyankopɔn bɛdane deɛ aseɛ no ayɛ no yie
Pre-Chorus
Ɛnyɛ wo nko ara na worefa amaneɛ mu,
Owia akyi no, osu nso tɔ.
Kura wo gyidi mu na mma ɛmpaa abaw,
Onyankopɔn bɛhyira wo ama wo kuruwa ayɛ ma.
Final Chorus
Yɛn nyinaa yɛwɔ abrabɔ mu ɔko,
Nanso Yehowa bɛma asomdwoe aba.
Sɛ ɔko no yɛ den na ahoɔden sa a,
Ne tumi bɛhyɛ yɛn den
Kɔ so gyina pintinn, ko kɔ w'anim
Nna pa bɛba da bi.
Final Chorus
Yɛn nyinaa yɛwɔ abrabɔ mu ɔko,
Nanso Yehowa bɛma asomdwoe aba.
Sɛ ɔko no yɛ den na ahoɔden sa a,
Ne tumi bɛhyɛ yɛn den
Kɔ so gyina pintinn, ko kɔ w'anim
Nna pa bɛba da bi.
Outro
Mma w’abaw mu mbu
Wo adanseɛ reba!
Yehowa da so reyɛ adwuma!
To dwom! Gye di