Verse 1
Yesu Kristo meyi wo ayɛ daa nyinaa
Wo dɔ atwa me ho hyia tesɛ anɔpa bosuo
Wo ayi me afiri amena donkudonku mu
Na wode me asi ɔbotan so
Mede m’akoma nyinaa mɛsom wo
me nim sɛ Wobɛhwɛ me so daa,
Awurade Mede m’akoma nyinaa mɛsom wo
me nim sɛ Wobɛhwɛ me so daa,
Verse 1
Yesu Kristo meyi wo ayɛ daa nyinaa
Wo dɔ atwa me ho hyia tesɛ anɔpa bosuo
Wo ayi me afiri amena donkudonku mu
Na wode me asi ɔbotan so
Mede m’akoma nyinaa mɛsom wo
me nim sɛ Wobɛhwɛ me so daa,
Awurade Mede m’akoma nyinaa mɛsom wo
me nim sɛ Wobɛhwɛ me so daa,
Chorus
Yesu Kristo wo ne Awurade, woyɛ ɔhene
Mɛto wo ho nwom forɔ , Ayɛyie nwom
Oguamma a wode wo nkwa bɔɔ afɔdeɛ maa yɛn
Ɔno na wɔmfa aseda nyinaa ma no
Ɔno nkotoo na wɔnhyɛ no animuonyam daa
Tumi ne ahoɔden nyinaa yɛ ne dea
Verse 2
Woyii yɛn firii ɔtanfo no tumi ase
Wo ama hann ahyerɛn wɔ yɛn akoma mu
Wo mogya dehyeɛ no ayi yɛn mfomso nyinaa
Wo ama yɛn nso ayɛ onyankopɔn mma
Seesei yɛyɛ wo dea daa, Awurade
Yɛbɔ wo din akanfo Wo daa nyinaa
Seesei yɛyɛ wo dea daa, Awurade
Yɛbɔ wo din akanfo Wo daa nyinaa
Verse 2
Woyii yɛn firii ɔtanfo no tumi ase
Wo ama hann ahyerɛn wɔ yɛn akoma mu
Wo mogya dehyeɛ no ayi yɛn mfomso nyinaa
Wo ama yɛn nso ayɛ onyankopɔn mma
Seesei yɛyɛ wo dea daa, Awurade
Yɛbɔ wo din akanfo Wo daa nyinaa
Seesei yɛyɛ wo dea daa, Awurade
Yɛbɔ wo din akanfo Wo daa nyinaa
Chorus
Yesu Kristo wo ne Awurade, woyɛ ɔhene
Mɛto wo ho nwom forɔ , Ayɛyie nwom
Oguamma a wode wo nkwa bɔɔ afɔdeɛ maa yɛn
Ɔno na wɔmfa aseda nyinaa ma no
Ɔno nkotoo na wɔnhyɛ no animuonyam daa
Tumi ne ahoɔden nyinaa yɛ ne dea
Bridge
Yesu Kristo, W’ahenni nni awiei
Yesu Kristo, Wodɔ tow ntwa da
Yesu Kristo, woyɛ ɔnokwafoɔ
Woka yɛn ho daa nyinaa
Bridge
Yesu Kristo, W’ahenni nni awiei
Yesu Kristo, Wodɔ tow ntwa da
Yesu Kristo, woyɛ ɔnokwafoɔ
Woka yɛn ho daa nyinaa
Chorus
Yesu Kristo wo ne Awurade, woyɛ ɔhene
Mɛto wo ho nwom forɔ , Ayɛyie nwom
Oguamma a wode wo nkwa bɔɔ afɔdeɛ maa yɛn
Ɔno na wɔmfa aseda nyinaa ma no
Ɔno nkotoo na wɔnhyɛ no animuonyam daa
Tumi ne ahoɔden nyinaa yɛ ne dea
Chorus
Yesu Kristo wo ne Awurade, woyɛ ɔhene
Mɛto wo ho nwom forɔ , Ayɛyie nwom
Oguamma a wode wo nkwa bɔɔ afɔdeɛ maa yɛn
Ɔno na wɔmfa aseda nyinaa ma no
Ɔno nkotoo na wɔnhyɛ no animuonyam daa
Tumi ne ahoɔden nyinaa yɛ ne dea