(Verse 1)
Wɔ Eden turo fɛfɛɛfɛ no mu,
Biribiara woyɛe yɛ pɛpɛɛpɛ,
Wo nneɛma nyinaa yɛ ɔdɔ,
wo kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ papa
Nanso ɔtamfo no bae bɛdadaa onipa
Obisaa nokware a wokaa no ho asɛm
Onipa yɛɛ asoɔden tee aba no bi dii,
Wɔn bɔne no de suro ne animguase bae.
(Verse 1)
Wɔ Eden turo fɛfɛɛfɛ no mu,
Biribiara woyɛe yɛ pɛpɛɛpɛ,
Wo nneɛma nyinaa yɛ ɔdɔ,
wo kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ papa
Nanso ɔtamfo no bae bɛdadaa onipa
Obisaa nokware a wokaa no ho asɛm
Onipa yɛɛ asoɔden tee aba no bi dii,
Wɔn bɔne no de suro ne animguase bae.
(Chorus)
Asoɔden no sɛeɛ yɛne wo ayɔnkofa,
Yɛdwanee firii w'anim kɔ hintae
Wanimuonyam no fii yɛn so.
Na owuo fii ase dii yɛn so hene
Woyii wadɔeɛ adi wɔ yɛn asehweɛ mu,
Wohyɛɛ yɛn bɔ, mma yɛn daakye anidasoɔ
Efi Adam bɔne so kɔɔ adom a ɛgye yɛn nkwa.
Ampara Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ
(Verse 2)
Ani bueeɛ, nanso akoma no deɛ sɛeɛ
Wɔdaa adagya, wosuroeɛ, na wɔhintae
Dua ahaban antumi ankata wɔn bɔne so,
Na baabiara nni hɔ a ɔbɛtumi adwane akɔ
Asaase no seɛ, ɔsam mfifire, na ɔtee nisuo
Awoɔ mu yaw ne abrabɔ mu amanehunu
Ɔtee asotwe no, Dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ
Wiase fapem bubuu, anidasoɔ nyinaa sae
(Verse 2)
Ani bueeɛ, nanso akoma no deɛ sɛeɛ
Wɔdaa adagya, wosuroeɛ, na wɔhintae
Dua ahaban antumi ankata wɔn bɔne so,
Na baabiara nni hɔ a ɔbɛtumi adwane akɔ
Asaase no seɛ, ɔsam mfifire, na ɔtee nisuo
Awoɔ mu yaw ne abrabɔ mu amanehunu
Ɔtee asotwe no, Dɔteɛ mu na wobɛsan akɔ
Wiase fapem bubuu, anidasoɔ nyinaa sae
(Chorus)
Asoɔden sɛeɛ yɛne wo ayɔnkofa,
Yɛdwanee firii w'anim kɔ hintae
Wanimuonyam no fii yɛn so
Na owuo fii ase dii yɛn so hene
Woyii wadɔeɛ adi wɔ yɛn asehweɛ mu,
Wohyɛɛ yɛn bɔ, mma yɛn daakye anidasoɔ
Efi Adam bɔne so kɔɔ adom a ɛgye yɛn nkwa.
Ampara Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ
(Bridge)
wokataa wɔn adagya so,
Ɛnyɛ dua ahaban, na mmom afɔrebɔ
Mogya guii, na wode bɔhyɛ bi sii hɔ,
Sɛ obi bɛba abɛtua ka.
Ɔbaa Naseni no bɛtiatia ɔwɔ no ti,
Na wasan asiesie nea bɔne asɛe no.
Wɔ asɛndua no so na yɛanya nkwa bio,
Abɔdeɛ foforɔ, ne akoma foforɔ
(Final Chorus)
Ositie asan asiesie ayɔnkofa,
Adom ahorow yɛn aniwuo nyinaa kɔ.
Yɛrensanhintaw fi w’anim bio, Awurade,
Na mmom yɛbɛtu mmirika aba wo nkyɛn.
Yafiri turo mu ahweaseɛ kɔ asɛndua no so,
Wo dɔ asan agye yɛn nkwa bio
Yafa wasɛm, yɛ afa wo kwan,
San siesie yɛn akomam, Awurade.
(Outro)
Yafiri Eden asehweɛ kɔ Kalvari dua so,
Wo adom no akyerɛ yɛn afotusɛm
Yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛgye wodi, yɛ betie wo
Awurade Di yɛn anim, kɔ nkwa kwan mu.