(Verse 1)
Y'ammfa biribi amma ewiase
Y'ammfa Sika anaa dwetɛ biara amma
Home a yɛ home, anammɔn a yɛtuo
Ɛyɛ akyɛdeɛ a efi onyankopɔn.
(Verse 1)
Y'ammfa biribi amma ewiase
Y'ammfa Sika anaa dwetɛ biara amma
Home a yɛ home, anammɔn a yɛtuo
Ɛyɛ akyɛdeɛ a efi onyankopɔn.
(Chorus)
Y'ammfa hwee amma wiase
Yɛn ntumi mmfa biribi nso nkɔ,
Nea me wɔ nyinaa, nea meyɛ nyinaa,
Yesu, Mede hyɛ Wo nsa koraa
Wo ne m’anidasoɔ, wone m'agyapadeɛ
Wo ne mahyɛase ne mawiei,
Y'ammfa Hwee amma wiase
Nea yɛ wɔ nyinaa fi wadom nko ara.
(Verse 2)
Ahonyadeɛ a yaboaboa ano nyinaa
Bɛyera te sɛ mfuturo wɔ mmerɛ tiaa bi
Sɛ me nna nyinaa ba awiei a,
Me nnwuma pa nko na ɛbedi m'akyi.
(Verse 2)
Ahonyadeɛ a yaboaboa ano nyinaa
Bɛyera te sɛ mfuturo wɔ mmerɛ tiaa bi
Sɛ me nna nyinaa ba awiei a,
Me nnwuma pa nko na ɛbedi m'akyi.
(Chorus)
Y'ammfa hwee amma wiase
Na yɛn mmfa biribi nso nkɔ,
Nea mewɔ nyinaa, nea meyɛ nyinaa,
Yesu, Mede hyɛ Wo nsa koraa
Wo ne m’anidasoɔ, wone m'agyapadeɛ
Wo ne ma hyɛase ne mawiei,
Y'ammfa Hwee amma wiase
Nea yɛ wɔ nyinaa fi wadom nko ara.
(Verse 3)
Yɛ bɛtumi de agyapadeɛ pii ahoahoa yɛn ho
Nanso emu biara ntumi ngye yɛn nkwa
Me kra benya ɔhome ne asomdwoeɛ daa
Efisɛ menim sɛ Wo mu na menya ade nyinaa.
(Verse 3)
Yɛtumi de agyapadeɛ pii ahoahoa yɛn ho
Nanso emu biara ntumi ngye yɛn nkwa
Me kra benya ɔhome ne asomdwoeɛ daa
Efisɛ menim sɛ Wo mu na menya ade nyinaa.
(Chorus)
Yammfa hwee amma wiase
Na yɛn mmfa hwee nso nkɔ,
Nea mewɔ nyinaa, nea meyɛ nyinaa,
Yesu, Mede hyɛ Wo nsa koraa
Wo ne m’anidasoɔ, wone m'agyapadeɛ
Wo ne ma hyɛase ne mawiei,
M'ammfa Hwee amma wiase
Nea mewɔ nyinaa wadom nko ara.
(Bridge)
Boa me na menyɛ neɛ wopɛ
Ma mentena wanim awia ne anadwo.
Ma me bra nyɛ adanseɛ bere a menni hɔ bio,
Wɔ gyidie, ɔdɔ ne anidasoɔ mu
(Bridge)
Boa me na menyɛ neɛ wopɛ
Ma mentena wanim awia ne anadwo.
Ma me bra nyɛ adanseɛ bere a menni hɔ bio,
Wɔ gyidie, ɔdɔ ne anidasoɔ mu
(Repeat Chorus)
Y'ammfa hwee amma wiase
Na yɛn mmfa biribi nso nkɔ,
Nea mewɔ nyinaa, nea meyɛ nyinaa,
Yesu, Mede hyɛ Wo nsa koraa
Wo ne m’anidasoɔ, wone m'agyapadeɛ
Wo ne ma hyɛase ne mawiei,
Y'ammfa Hwee amma wiase
Nea yɛ wɔ nyinaa fi wadom nko ara.
(Chorus)
Y'ammfa hwee amma wiase
Na yɛn mmfa biribi nso nkɔ,
Nea mewɔ nyinaa, nea meyɛ nyinaa,
Yesu, Mede hyɛ Wo nsa koraa
Wo ne m’anidasoɔ, wone m'agyapadeɛ
Wo ne ma hyɛase ne mawiei,
Y'ammfa Hwee amma wiase
Nea yɛ wɔ nyinaa fi wadom nko ara.