Intro
Aane oo! Yesu ka sɛ,
Yɛyɛ wiase yi mu hann!
Yɛyɛ asase yi so nkyene! Hey!
Moma yɛnnhyɛ no animuonyam!
Verse 1
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu teɛ
Wɔn Na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ nyinaa,
Wɔn na wɔbɛnya asase no so adi
Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm de wɔn
Awurade bɛma wɔn ahyɛ mma
Nhyira ne wɔn a wɔyɛ mmɔborɔhunu,
Wɔn na ɔbɛhunu wɔn mmɔbɔ
Verse 1
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu teɛ
Wɔn Na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ nyinaa,
Wɔn na wɔbɛnya asase no so adi
Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm de wɔn
Awurade bɛma wɔn ahyɛ mma
Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ
Wɔn na ɔbɛhu wɔn mmɔbɔ
Pre-Chorus
Yesu akyerɛ yɛn kwan no
Moma yɛnnante kronkron mu.
Yɛnnyae bɔne akwan no,
Na yɛnnhyɛ no animuonyam!
Chorus
Yɛyɛ hann, moma yɛn hyerɛn wɔ wiase
Yɛyɛ nkyene yɛbɛma abrabɔ no ayɛ papa
Na ahyɛ yɛn Agya no animuonyam,
Yesu afrɛ yɛn, moma yɛn nsɔre!
Yɛyɛ hann! (Yɛyɛ hann!)
Yɛyɛ nkyene! (Yɛyɛ nkyene!)
Yɛbɛdi Yesu akyi daa,
Na yatena n'ahenni mu daa!
Verse 2
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,
Wɔn na ɔbɛhu Onyankopɔn anim.
Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na
Wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.
Sɛ wɔtaa wo Yesu din nti a,
Mma wo bo nnwu da
Anigyeɛ mu na di ahurisie,
Wo akatua so wɔ soro.
Verse 2
Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,
Wɔbɛhu Onyankopɔn anim.
Nhyira ne apatafoɔ na wɔn na
Wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.
Sɛ wɔtaa wo Yesu din nti a, a
Mma wo bo nnwu da
Anigyeɛ mu na di ahurisie,
Wo akatua so wɔ soro.
Pre-Chorus
Yesu akyerɛ yɛn ɔkwan no
Momma yɛnnante kronkron mu.
Yɛnnyae bɔne kwan no,
Na yɛnnhyɛ no animuonyam!
Chorus
Yɛyɛ hann, moma yɛn hyerɛn wɔ wiase
Yɛyɛ nkyene yɛbɛma abrabɔ no ayɛ papa
Na ahyɛ yɛn Agya no animuonyam,
Yesu afrɛ yɛn, moma yɛn nsɔre!
Yɛyɛ hann! (Yɛyɛ hann!)
Yɛyɛ nkyene! (Yɛyɛ nkyene!)
Yɛbɛdi Yesu akyi daa,
Na yatena n'ahenni mu daa!
Bridge (Call & Response)
Lead: Hena na ɔyɛ wiase yi mu hann?
All: ɛyɛ yɛn
Lead: Hena na ɔyɛ asase yi mu nkyene?
All: ɛyɛ yɛn
Lead: Yɛbɛhyerɛn ama hena?
All: Ama Kristo Yesu!
Lead: Yɛbɛma hena din so?
All: Yehowa din so!
Bridge (Call & Response)
Lead: Hena na ɔyɛ wiase yi mu hann?
All: ɛyɛ yɛn
Lead: Hena na ɔyɛ asase yi mu nkyene?
All: ɛyɛ yɛn
Lead: Yɛbɛhyerɛn ama hena?
All: Ama Kristo Yesu!
Lead: Yɛbɛma hena din so?
All: Yehowa din so!
Chorus
Yɛyɛ hann, moma yɛn hyerɛn wɔ wiase
Yɛyɛ nkyene yɛma abrabɔ no ayɛ papa
Na ahyɛ yɛn Agya no animuonyam,
Yesu afrɛ yɛn, moma yɛn nsɔre!
Yɛyɛ hann! (Yɛyɛ hann!)
Yɛyɛ nkyene! (Yɛyɛ nkyene!)
Yɛbɛdi Yesu akyi daa,
Na yatena n'ahenni mu daa!
(Chorus)
Yɛyɛ hann, moma yɛn hyerɛn wɔ wiase
Yɛyɛ nkyene yɛbɛma abrabɔ no ayɛ papa
Na ahyɛ yɛn Agya no animuonyam,
Yesu afrɛ yɛn, moma yɛn nsɔre!
Yɛyɛ hann! (Yɛyɛ hann!)
Yɛyɛ nkyene! (Yɛyɛ nkyene!)
Yɛbɛdi Yesu akyi daa,
Na yatena n'ahenni mu daa!