Verse 1
Wo na w’ahunu yɛn amanehunu wɔ ewiase yi mu
Wode w’ani hunu wo nkurɔfoɔ abooboo die
Wokae yɛn tie yɛn sufrɛ wɔ yɛn nsɔhwɛ mu,
Na wokae apam a wo’ankasa wo ahyehyɛ ato hɔ
Wosɔre gye wɔn a wɔda nnedua mu,
W’ahummɔborɔ asane aba yɛn so bio;
Anuonyam nka wo, Ɔdomankoma,
Onyankopɔn a wote asomdwoeɛ mu daa
Chorus
Mose, Mose, Me Ara na Meresoma wo Farao nkyɛn;
Mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu,
Na mate Israelfoɔ, wɔn su a wɔsu frɛ me daa no
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae ɔman no kwan na wɔn nkɔ som Me.
Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na Meresoma wo
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae me man kwan na wɔn nkɔ som Me.
Verse 2
Wofrɛ Mose wɔ ogya a ɛredɛre dua no so ho, kakyerɛɛ no sɛ
Yi wonan ase mpaboa, efisɛ bea yi kronkron”;
Wo nsɛm no ba a, ɛyɛ tumi ne ahoɔden,
Wode wo honhom hyɛɛ ne komam ma ɔnya akokoɔduro
Saa ɔkwan no so na wode frɛ yɛn sɛ yɛn nsɔre ndi w'akyi
Wofrɛ yɛn sɛ yɛmmfi nkoasom mu mmra mɛsom wo nkutoo;
Yɛbɛka w’ahenni no ho asɛm wɔ asase so,
Na yɛde ayeyi bɛma wo daa.
Chorus
Mose, Mose, Me Ara na Meresoma wo Farao nkyɛn;
Mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu,
Na mate Israelfoɔ, wɔn su a wɔsu frɛ me daa no
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae ɔman no kwan na wɔn nkɔ som Me.
Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na Meresoma wo
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae me man kwan na wɔn nkɔ som Me.
Verse 3
Farao pirim n'akoma, yɛɛ Israelfoɔ bɔne pii
Nanso w’adom mu tumi koraa Mose hyɛɛ no den;
Wopae epo mu maa ɔman no faa fam sɛ asraafoɔ,
Na wode ogya dii wɔn anim kan anadwo wɔ ɛserɛ so
Wode wo tumi kɛseɛ gyee wɔn nkwa,
Wode w'ahoɔden gyee wɔn fii bɔne biara mu;
Yɛbɛbɔ wo din daa akosi meresantene
Efisɛ wo ne Onyankopɔn a wagye yɛn nkwa
Chorus
Mose, Mose, Me Ara na Meresoma wo Farao nkyɛn;
Mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu,
Na mate Israelfoɔ, wɔn su a wɔsu frɛ me daa no
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae ɔman no kwan na wɔn nkɔ som Me.
Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na Meresoma wo
Kɔ Kakyerɛ Farao sɛ gyae me man kwan na wɔn nkɔ som Me.
Bridge
W’ahummɔborɔ nni awieeɛ, o Awurade;
Wo tumi nti, ɔtamfo ntumi di yɛn so;
Yɛyɛ wo man a wopae mu de yɛn asi hɔ daa
Yɛde yɛn akoma nyinaa bɛ som wo daa.
Wo poma yɛ yɛn hann, na w’asɛm yɛ yɛn tumi;
Wosomaa Mose, na wasomaa yɛn nso sɛ
“Momma me man mbra mɛsom Me daa!