[Verse 1]
Ɔkwadwofoɔ, kɔ ntateɛ nkyɛn
Nsua n'akwan na hunu nyansa
Ɔno na onni otitire anaa sodifoɔ
Nanso ɔyɛ n'adwuma ntɛm so
Sɔre fi wo kɛtɛ so, na pɛ biribi yɛ
Akwadworɔ de ohia ne animguase na ɛba
Wo nna dodoɔ nti, w'abɛyɛ ohiani
Mpanin se: ohia yɛya kyɛn kwata
Repeat verse1
Ɔkwadwofoɔ, kɔ ntateɛ nkyɛn
Nsua n'akwan na hunu nyansa
Ɔno na onni otitire anaa sodifoɔ
Nanso ɔyɛ n'adwuma ntɛm so
Sɔre fi wo kɛtɛ so, na pɛ biribi yɛ
Akwadworɔ de ohia ne animguase na ɛba
Wo nna dodoɔ nti, w'abɛyɛ ohiani
Mpanin se: ohia yɛya kyɛn kwata
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔ pɛ adwuma bi yɛ
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔdenmmɔ
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
[Verse 2]
Ohiani biara nni adamfoɔ
Asɛm bɛba abɛto no, na w'ayɛ mmɔbɔ
Ɔpɛ boafo, nanso onipa biara
Mmpɛ sɛ ɔbɛyɛ no mmoa
Onua, sesa w’adwene yie
Na pɛ adwuma pa bi yɛ
Ɛyɛ nokorɛ, ɛnyɛ sɛ atɛm diyie
Na w’adwumaden bɛyɛ wo mfasoɔ
Repeat [Verse 2]
Ohiani biara nni adamfoɔ
Asɛm bɛba abɛto no, na w'ayɛ mmɔbɔ
Ɔpɛ boafo, nanso onipa biara
Mmpɛ sɛ ɔbɛyɛ no mmoa
Onua, sesa w’adwene yie
Na pɛ adwuma pa bi yɛ
Ɛyɛ nokorɛ, ɛnyɛ sɛ atɛm diyie
Na w’adwumaden bɛyɛ wo mfasoɔ
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔ pɛ adwuma bi yɛ
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔdenmmɔ
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
Verse 3:
Nipa huhuo ne barima a ɔde ne tɛkrɛma ka atorɔsɛm
Ɔbubu n’ani, ɔde n’anammɔn yɛ bɔne
Ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ
Ne koma yɛ ndaadaa, ɔtwe ne ho fi nokware mu
Nti mpofiri mu na ɔsɛeɛ bɛba ne so
Na ɛbɛma ohia ato ahyɛ neso sɛ ɔkwamukafoɔ
Na ahokyerɛ ato ahyɛ wo so sɛdeɛ okura etuo.
Final Chorus:
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔ pɛ adwuma bi yɛ
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔdenmmɔ
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
Bridge –
Sɛ wokɔ so da a, abrabɔ no bɛyɛ den ama wo
Nanso Awurade frɛ wo sɔre ntɛm so
Tie wo bɔfo asɛm , ansa na dabɔne no aba
Ɛnsɛ sɛ wotwɛn da foforɔ bi
Repeat Bridge –
Sɛ wokɔ so da a, abrabɔ no bɛyɛ den ama wo
Nanso Awurade frɛ wo sɔre ntɛm so
Tie wo bɔfo asɛm , ansa na dabɔne no aba
Ɛnsɛ sɛ wotwɛn da foforɔ bi
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔ pɛ adwuma bi yɛ
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔdenmmɔ
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa