Verse 1
Wɔ de Daniel kɔtoo gyata buo mu
Na ɔhene darius rentumi nna anadwo no
Nanso Daniel de ne nkotodwe guu fam bɔɔ mpae,
Na Awurade ankasa sanee daa no .
Wogyinaa ne nkyɛn bɔɔ ne ho ban;
Na gyata a ɛkɔm ade wɔn no antumi anyɛ no hwee
Onyankopɔn nokwafo, wo nndi nkoguo da
Wo adom da so wɔ hɔ daa
Verse 1
Wɔ de Daniel kɔtoo gyata buo mu
Na ɔhene darius rentumi nna anadwo no
Nanso Daniel de ne nkotodwe guu fam bɔɔ mpae,
Na Awurade ankasa sanee daa no .
Wogyinaa ne nkyɛn bɔɔ ne ho ban;
Na gyata a ɛkɔm ade wɔn no antumi anyɛ no hwee
Onyankopɔn nokwafo, wo nndi nkoguo da
Wo adom da so wɔ hɔ daa
Chorus
Daniel kɔ daa gyata buo mu no—
Woyii wo tumi adi bio!
Wo na wotumi gye wɔn a wɔda nnaduafie
Agyenkwa Nyame, Wo yɛ tetebotan
Akodeɛ biara ntumi nsɔre ntia yɛn
Biribiara nni hɔ a wotumi nyɛ
W’abɔfoɔ ba bɛyɛ w’apɛdeɛ.
Wogyee wo asomfoɔ tete bere no
Gye yɛn nnɛ nso,, Awurade!
Verse 2
Sɛ wiase hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ deɛ woakyi
Na gyedie a yɛwɔ wo mu; odi ho fɛw a
Boa yɛn na yɛnsɔre sɛ Daniel sɔree no,
Na yɛnnyina wo tumi so daa nyinaa.
Sɛ atamfo sɔre te sɛ nsuo a ayiri kɛseɛ
wo mogya no mu na yɛ nya yɛn fawohodie
Onyame wo yɛ nokwafo wɔ sɔhwɛ biara mu,
Wo nkyɛn na yɛn kra bɛ home
Verse 2
Sɛ wiase hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ deɛ woakyi
Na gyedie a yɛwɔ wo mu; odi ho fɛw a
Boa yɛn na yɛnsɔre sɛ Daniel sɔree no,
Na yɛnnyina wo tumi so daa nyinaa.
Sɛ atamfo sɔre te sɛ nsuo a ayiri kɛseɛ
wo mogya no mu na yɛ nya yɛn fawohodie
Onyame wo yɛ nokwafo wɔ sɔhwɛ biara mu,
Wo nkyɛn na yɛn kra bɛ home
Chorus
Daniel kɔ daa gyata buo mu no—
Woyii wo tumi adi bio!
Wo na wotumi gye wɔn a wɔda nnaduafie
Agyenkwa Nyame, Wo yɛ tetebotan
Akodeɛ biara ntumi nsɔre ntia yɛn
Biribiara nni hɔ a wotumi nyɛ
W’abɔfoɔ ba bɛyɛ w’apɛdeɛ.
Wogyee wo asomfoɔ tete bere no
Gye yɛn nnɛ nso,, Awurade!
Bridge
Wokora wo nguankuw nyinaa;
Wobubu nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wopae epo mu
Wotuaa gyatammoa ano wɔ tumi mu
Ahunahuna rentumi yɛ yɛn hwee,
Ɔtamfo biara rentumi nkunkum yɛn;
Yɛhyɛ wo animuonyam daa, na yɛka sɛ
Woyɛ yɛn Banbɔ, yɛn anidasoɔ yɛn Kwankyerɛfo
Onyame a wo nda dabiara da
Wokora wo nguankuw nyinaa;
Wobubu nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wopae epo mu
Wotuaa gyatammoa ano wɔ tumi mu
Ahunahuna rentumi yɛ yɛn hwee,
Ɔtamfo biara rentumi nkunkum yɛn;
Yɛhyɛ wo animuonyam daa, na yɛka sɛ
Woyɛ yɛn Banbɔ, yɛn anidasoɔ yɛn Kwankyerɛfo
Onyame a wo nda dabiara da
Chorus
Daniel kɔ daa gyata buo mu no—
Woyii wo tumi adi bio!
Wo na wotumi gye wɔn a wɔda nnaduafie
Agyenkwa Nyame, Wo yɛ tetebotan
Akodeɛ biara ntumi nsɔre ntia yɛn
Biribiara nni hɔ a wotumi nyɛ
W’abɔfoɔ ba bɛyɛ w’apɛdeɛ.
Wogyee wo asomfoɔ tete bere no
Gye yɛn nnɛ nso,, Awurade!
Daniel kɔ daa gyata buo mu no—
Woyii wo tumi adi bio!
Wo na wotumi gye wɔn a wɔda nnaduafie
Agyenkwa Nyame, Wo yɛ tetebotan
Akodeɛ biara ntumi nsɔre ntia yɛn
Biribiara nni hɔ a wotumi nyɛ
W’abɔfoɔ ba bɛyɛ w’apɛdeɛ.
Wogyee wo asomfoɔ tete bere no
Gye yɛn nnɛ nso,, Awurade!