(Verse 1)
Na ɔbarima bi da ɔkwan so,
Wagye ne nneɛma, ahwe no apira no
Ɔsofo bi bɛfaa kwan no so
Na ɔbɛhunu no, ɔsianee ne kɔeɛ
Lewini bi nso baa hɔnom
Ɔbɛhunuu no no, ɔtwaa mu kɔeɛ
(Verse 1)
Na ɔbarima bi da ɔkwan so,
Wagye ne nneɛma, ahwe no apira no
Ɔsofo bi bɛfaa kwan no so
Na ɔbɛhunu no, ɔsianee ne kɔeɛ
Lewini bi nso baa hɔnom
Ɔbɛhunuu no no, ɔtwaa mu kɔeɛ
Pre-Chorus
Ɛnyɛ abodin anaa dibea,
Na mmom koma a ɛyɛ ɔdɔ
Chorus
Ma me nyɛ te sɛ samaria ni Pa No,
nsa a ɛboa ayarefoɔ ,ne akoma ɛte yaw
Kyerɛkyerɛ me na m'atumi adɔ obiara
Na madɔ me yɔnko sɛ me ara me ho
Hwie wo ngosra no gu me so,
Wo mmɔborɔhunu ntrɛ asase yi so
Verse 2
Samaria ni bi koduru hɔ no
ɔkɔɔ ɔbarima a wapira no nkyɛn
Ɔkɔkyekyeree nakuro no
Ɔde ngo ne nsa guguu mu
Na ɔde no tenaa ɔno ara aboa so,
De no kɔɔ ayaresabea kɔhwɛɛ no
Verse 2
Samaria ni bi koduru hɔ no
ɔkɔɔ ɔbarima a wapira no nkyɛn
Ɔkɔkyekyeree nakuro no
Ɔde ngo ne nsa guguu mu
Na ɔde no tenaa ɔno ara aboa so,
De no kɔɔ ayaresabea kɔhwɛɛ no
Pre-Chorus
Adɔyɛ a etwaa yawdie so,
Ɔdɔ a enyɛ mpaapaemu
Chorus
Ma me nyɛ te sɛ samaria ni Pa No,
nsa a ɛboa ayarefoɔ ,ne akoma ɛte yaw
Kyerɛkyerɛ me na m'atumi adɔ obiara
Na madɔ me yɔnko sɛ me ara me ho
Hwie wo ngosra no gu me so,
Wo mmɔborɔhunu ntrɛ asase yi so
Bridge
Fa w'akoma ne wo kra nyinaa
Fa w'ahoɔden ne w'adwene nyinaa
Dɔ Awurade wo Nyankopɔn
Na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho
(Build)
Mewɔ ha, Awurade, soma me seesei,
Mɛdɔ, na mato mebo ase.
Chorus
Ma me nyɛ te sɛ samaria ni Pa No,
nsa a ɛboa ayarefoɔ ,ne akoma ɛte yaw
Kyerɛkyerɛ me na m'atumi adɔ obiara
Na madɔ me yɔnko sɛ me ara me ho
Hwie wo ngosra no gu me so,
Wo mmɔborɔhunu ntrɛ asase yi so
Chorus
Ma me nyɛ te sɛ samaria ni Pa No,
nsa a ɛboa ayarefoɔ ,ne akoma ɛte yaw
Kyerɛkyerɛ me na m'atumi adɔ obiara
Na madɔ me yɔnko sɛ me ara me ho
Hwie wo ngosra no gu me so,
Wo mmɔborɔhunu ntrɛ asase yi so