Verse 1
Mabɛtena Bethesda bura no ho
Matena mfe aduasa nwɔtwe nie
Mehwɛ nsuo no so daa nyinaa
M’akoma yɛɛ basaa, anidasoɔ sae
Sɛ abɔfoɔ no bɛhono nsuo no a
Mehwɛ, na mehwɛ bio ara
Nanso Mennya ɔboafoɔ biara
Obi nnihɔ a ɔde me bɛkɔ nsuo no mu.
Pre-Chorus
Mekaa masɛm akyerɛ Onyankopɔn
Mesu me frɛɛ no m’akoma mu daa
Wɔ bere a anidasoɔ asae yɛ no
Ɔno ara na ɔsaa me yadeɛ
Chorus
Mabɛtena Bethesda bura no ho
Matena mfe aduasa nwɔtwe nie
Sɛ abɔfoɔ no bɛhono nsuo no a
Mennya ɔboafoɔ biara, ɔbaakofoɔ!
Mennya obi de me akɔtow nsuo no mu
M’ahoɔden sae, m’ani tetɛɛ nisuo
Nanso Awurade Yesu hunuu me mmɔbɔ
Ɔbɔɔ me din, na me nyaa ahoɔden
Verse 2
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre gyina”
Fa wo kɛtɛ, na nantew bio
Asɛm baako pɛ na ɛsesaa mehyɛ berɛ
M’abrabɔ nyinaa danee, ɛbɛ yɛɛ anigyeɛ
Deɛ mehwehwɛe no nyinaa ayɛ hɔ
Awerɛhow danee anigyeɛ
Deɛ mehwehwɛɛ mfe pii no aba mu
Ɔhaw biara nni hɔ bio
Pre-Chorus
Meka masɛm akyerɛ Onyankopɔn
Mesu afrɛ no m’akomamu
Wɔ bere a anidasoɔ asa koraa no
Ɔno ara ne me boafoɔ.
Chorus
Mabɛtena Bethesda bura no ho
Matena mfe aduasa nwɔtwe nie
Sɛ abɔfoɔ no bɛhono nsuo no a
Mennya ɔboafoɔ biara, ɔbaakofoɔ!
Mennya obi de me akɔtow nsuo no mu
M’ahoɔden sae, m’ani tetɛɛ nisuo
Nanso Awurade Yesu hunuu me mmɔbɔ
Ɔbɔɔ me din, na me nyaa ahoɔden
Bridge
M’ankɔtɔ nsuo no mu, Nsuo no ammoa me
Nanso Yesu asɛm baako pɛ , Na me ho yɛɛ me den
Ɛnyɛ abɔfoɔ, Ɛnyɛ obiara, na Ɛyɛ Yesu tumi
Ɔfrɛɛ me fii me kɛtɛ so ,Na ɔmaa me sɔre gyinaa
Awurade Yesu hunuu me mmɔbɔ, Ɔyii me fii Bethesda
M’abrabɔ ayɛ adanseɛ, Yesu tumi ade nyinaa yɛ
Final Chorus
Mabɛtena Bethesda bura no ho
Matena mfe aduasa nwɔtwe nie
Sɛ abɔfoɔ no bɛhono nsuo no a
Mennya ɔboafoɔ biara, ɔbaakofoɔ!
Mennya obi de me akɔtɔ nsuo no mu
M’ahoɔden sae, m’ani tetɛɛ nisuo
Nanso Awurade Yesu hunuu me mmɔbɔ
Ɔbɔɔ me din, na me nyaa mayeresa