Nkyerɛmu 1
Nikodemus yɛ onipa bi a na ɔyɛ Farasini
Ɔno na ɔkɔɔ Awurade nkyɛn anadwo bi
Na obisaa no sɛ ɔkyerɛkyerɛni
Yɛnim sɛ Onyankopɔn na asoma wo
Efisɛ Nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi obiara ntumi nyɛ.
Egyesɛ onyankopɔn ka ne ho

Chorus
Yesu buaa no sɛ,nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ
sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a,
ɔrentumi nhyɛne Onyankopɔn Ahennie no mu
Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no, yɛ ɔhonam,
na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.
Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ!
Verse 2
Nikodemus kaa sɛ: ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no,
wɔbɛtumi awo no foforɔ
ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?
Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?
Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu sɛ:
Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ;

Yesu buaa see no sɛ,nokorɛ, nokorɛ, me kakyerɛ wo sɛ
sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a,
ɔrentumi nhyɛne Onyankopɔn Ahennie no mu
Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no, yɛ ɔhonam,
na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.
Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ!
Bridge
Wɔmaa Wo so sɛnee dua no so,
ama wiase nyinaa ahu,
Sɛ obiara a ogye Wo di no,
Ɔrenwu da, na obenya daa nkwa
Ɔdɔ kɛseɛ na wode dɔɔ yɛn
Wogyee yɛn bɔne nyinaa soa yɛ
na wode Wo nkwa maa yɛn
Awurade Yesu wodɔ yɛ kɛse.
Chorus
Yesu buaa see no sɛ nokorɛ, nokorɛ, me kakyerɛ wo sɛ