(Verse 1)
Wo na wote ahennwa kɛseɛ no so,
Yɛde ayeyi kɛseɛ brɛ wo;
Awurade bɛdi Ne mma nni daa,
Wɔn a wɔnante Ne kwan mu no
Wɔ renyera wɔ wiase ahantan mu,
Na wahyira Ne din kronkron no;
Yɛbɛtena Ne nokorɛ mu daa,
Na yaka Nadɔyɛ ne ne mmoborohunu.
(Verse 1)
Wo na wote ahennwa kɛseɛ no so,
Yɛde ayeyi kɛseɛ brɛ wo;
Awurade bɛdi Ne mma nni daa,
Wɔn a wɔnante Ne kwan mu no
Wɔ renyera wɔ wiase ahantan mu,
Na wahyira Ne din kronkron no;
Yɛbɛtena Ne nokorɛ mu daa,
Na yaka Nadɔyɛ ne ne mmoborohunu.
(Chorus)
O, moma wo nne so nyi Awurade ayɛ,
N’asɛm yɛ nokorɛ daa nyinaa!
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
(Verse 2)
Sɛ nsɔhwɛ de ɔhaw pii mpo ba,
Na yɛn gyidi mu reyɛ mmerɛ a;
Yɛbɛyɛ yɛn gyefoɔ no pɛ daa,
Na yɛ de yɛn ho ato N’adom so.
Wiase abosom rennaadaa yɛn bio
Yɛ renhwehwɛ wiasekamfoɔ biara;
Awurade mmara nsɛm na yedi so
Yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama No daa
(Verse 2)
Sɛ nsɔhwɛ de ɔhaw pii mpo ba,
Na yɛn gyidi mu reyɛ mmerɛ a;
Yɛbɛyɛ yɛn gyefoɔ no pɛ daa,
Na yɛ de yɛn ho ato N’adom so.
Wiase abosom rennaadaa yɛn bio
Yɛ renhwehwɛ wiasekamfoɔ biara;
Awurade mmara nsɛm na yedi so
Yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama No daa
(Chorus)
O, moma mo nne so nyi Awurade ayɛ,
N’asɛm yɛ nokorɛ daa nyinaa!
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
(Verse 3)
Sɛ yɛwie yɛn akwantuo yi tu a
Yɛbɛhu Nanim asomdwoeɛ mu;
Yɛbɛnya nkunim akyɛdeɛ kɛseɛ no,
Wɔ Ne nhyira ne N'adom kɛseɛ no mu.
Yɛbɛto yɛn ahenkyɛ agu N'anim,
Na yɛakotow no wɔ soro ahengwa no anim
Baabi a anigyeɛ a ɛnni awieeɛ wɔ,
Yɛbɛkamfo No daa daa nyinaa.
(Verse 3)
Sɛ yɛwie yɛn akwantuo yi tu a
Yɛbɛhu Nanim asomdwoeɛ mu;
Yɛbɛnya nkunim akyɛdeɛ kɛseɛ no,
Wɔ Ne nhyira ne N'adom kɛseɛ no mu.
Yɛbɛto yɛn ahenkyɛ agu N'anim,
Na yɛakotow no wɔ soro ahengwa no anim
Baabi a anigyeɛ a ɛnni awieeɛ wɔ,
Yɛbɛkamfo No daa daa nyinaa.
(Chorus)
O, moma wo nne so nyi Awurade ayɛ,
N’asɛm yɛ nokorɛ daa nyinaa!
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
Chorus)
O, moma wo nne so nyi Awurade ayɛ,
N’asɛm yɛ nokorɛ daa nyinaa!
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
Mmerɛ nyinaa owura, yɛkamfo Wo,
Wɔn a wɔdi Wo ni no, Wo nso Wodi wɔn ni.
(Outro)
Amen, Amen.