Verse 1
Aseda nyinaa yɛ Awurade dea
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Wonam w’adɔe so mayɛ ɔdehyeɛ
Wo mmɔborɔhunu nti, mennya nkwa foforo
Ɛnnɛ, Wo ne mabankɛseɛ ne m'aboafo
Wo gyina m'akyi sɛ dombarima
Woyi m'aniimguaseɛ, wode me asi nea ɛkrɔn
Wogye me firi ɔbonsam nsam
Pre–Chorus
Awurade, W’ahummɔborɔ dɔɔso
Ayeyi nka wo din daa nyinaa
M’ani agye, m'akoma nso atɔ me yam
Manya asomdwe, mekra hyira Awurade
Chorus
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Ɔteasefo Nyankopɔn
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Woyɛ me dɔfo pa _ Awurade
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Menso mayɛ abɔdeɛ foforɔ
Verse 2
Wo nɛ Otumfoɔ, Woyɛ Ɔhen kɛse
Ɔsoro ne asase yɛ Wodea
Woadom nti na menso manya ahoɔden
W’ayamyɛ nti, me daso mete ase
Sɛ mpo sɛ ɛka menko wɔ eserɛ so a
Wo nsa da so kura me mu aberɛ biara
Woasiesie makwan, woma m’ayɛ ɔdehyeɛ
M’ani agye bio na menya anidasoɔ foforɔ
Pre–Chorus
Awurade, W’ahummɔborɔ dɔɔso
Ayeyi nka wo din daa
M’ani agye, na makoma nso atɔ me yam
Manya asomdwe wɔ me mu
Chorus
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Ɔteasefo Nyankopɔn
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Woyɛ me dɔfo pa _ Awurade
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ me mu
Bridge
I thank You, I thank You, Lord
I thank You forever
For Your grace, for Your love
My soul will never forget
I thank You, I thank You, Lord
I thank You forever
You led me out of bitter troubles
You filled my soul with peace
Bridge
Meda wo ase, meda wo ase, Awurade
Meda woase daa daa
Ɛyɛ W’adom nti, ɛyɛ w’adɔeɛ nti
Me kra bɛkamfo wo daa
Meda wo ase, meda wo ase, Awurade
Meda wo ase me Nyankopɔn
Wopira amane myiri mu
Wode asomdwe brɛ me kra
FinalChorus
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Ɔteasefo Nyankopɔn
Mede me kra, mede me koma
Mede aseda afɔdeɛ aba w’anim
Aseda, aseda, yɛ Wo dea
Woyɛ me dɔfo pa _ Awurade
W’adɔe ne Wo mmɔborɔhunu nti
Manya asomdwe wɔ me mu