Verse 1
ɔman Ghana nyaa faahodie wɔ
Afe apem ahankron aduonum nson,
yɛkae, ɛda kɛseɛ yi de aseda ma Awurade.
Wayi yɛn afi ɔhaw ne amanehunu mu
wadi yɛn anim kan abɛduru nnɛ.
Awurade yɛda wo ase, Nhyira nka wo daa.
Verse 1
ɔman Ghana nyaa faahodie wɔ
Afe apem ahankron aduonum nson,
yɛkae, ɛda kɛseɛ yi de aseda ma Awurade.
Wayi yɛn afi ɔhaw ne amanehunu mu
wadi yɛn anim kan abɛduru nnɛ.
Awurade yɛda wo ase, Nhyira nka wo daa.
Chorus
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
kyerɛ yɛn akannifo kwan daa,
Ma asomdwoe ne trenee nhyɛ yɛn ma,
Kyerɛ yɛn akoma pa ne nokware kwan
Ma nkɔsoɔ mmra yɛn nyinaa so,
Na yɛnkɔ so nyɛ baako daa,
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
Na ma w'anuonyam nni yɛn kan daa.
Verse 2
Mmusuakuo bebree nanso yɛyɛ baako,
Hyɛberɛ baako na ɛda hɔ ma yɛn nyinaa
Moma yɛn nyi ɔtanhunu biara mfi hɔ
Na ɔdɔ nhyɛ yɛn man yi mu ma.
Mansotwe de ɔsɛe ne animguase na ɛba
Yɛn nsɔm! Yɛn nsɔm! Na yɛde kyekyere ɔman
Verse 2
Mmusuakuo bebree nanso yɛyɛ baako,
Hyɛberɛ baako na ɛda hɔ ma yɛn nyinaa
Moma yɛn nyi ɔtanhunu biara mfi hɔ
Na ɔdɔ nhyɛ yɛn man yi mu ma.
Mansotwe de ɔsɛe ne animguase na ɛba
Yɛn nsɔm! Yɛn nsɔm! Na yɛde kyekyere ɔman
Chorus
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
kyerɛ yɛn akannifo kwan daa,
Ma asomdwoe ne trenee nhyɛ yɛn ma,
Kyerɛ yɛn akoma pa ne nokware kwan
Ma nkɔsoɔ mmra yɛn nyinaa so,
Na yɛnkɔ so nyɛ baako daa,
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
Na ma w'anuonyam nni yɛn kan daa.
Verse 3
Ma mmabun nsɔre den ne akokoduru so
Na wɔn nsiesie ɔman no, na daakye nyɛ yie.
Na ɔbaakofoɔ ntumi kyere damfoɔ
Obiara nyɛ ne fa mu deɛ
Sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho a,
Yɛn man yi benya nkɔsoɔ daa.
Verse 3
Ma mmabun nsɔre den ne akokoduru so
Na wɔn nsiesie ɔman no, na daakye nyɛ yie.
Na ɔbaakofoɔ ntumi kyere damfoɔ
Obiara nyɛ ne fa mu deɛ
Sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho a,
Yɛn man yi benya nkɔsoɔ daa.
Chorus
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
kyerɛ yɛn akannifo kwan daa,
Ma asomdwoe ne trenee nhyɛ yɛn ma,
Kyerɛ yɛn akoma pa ne nokware kwan
Ma nkɔsoɔ mmra yɛn nyinaa so,
Na yɛnkɔ so nyɛ baako daa,
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
Na ma w'anuonyam nni yɛn kan daa.
Bridge
Mmusuakuw ntam ɔko nnihɔ bio,
Yɛyɛ abusua baako na ɛwɔ ɔman yi mu
Yede ɔdɔ ne nokware bɛdi yɛn anim,
Wɔ Onyankopɔn tumi mu.
Onyankopɔn nhyira Ghana,
Anidaso ne baakoyɛ man.
Bridge
Mmusuakuw ntam ɔko nnihɔ bio,
Yɛyɛ abusua baako na ɛwɔ ɔman yi mu
Yede ɔdɔ ne nokware bɛdi yɛn anim,
Wɔ Onyankopɔn tumi mu.
Onyankopɔn nhyira Ghana,
Anidaso ne baakoyɛ man.
Chorus
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
kyerɛ yɛn akannifo kwan daa,
Ma asomdwoe ne trenee nhyɛ yɛn ma,
Kyerɛ yɛn akoma pa ne nokware kwan
Ma nkɔsoɔ mmra yɛn nyinaa so,
Na yɛnkɔ so nyɛ baako daa,
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
Na ma w'anuonyam nni yɛn kan daa
Chorus
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
kyerɛ yɛn akannifo kwan daa,
Ma asomdwoe ne trenee nhyɛ yɛn ma,
Kyerɛ yɛn akoma pa ne nokware kwan
Ma nkɔsoɔ mmra yɛn nyinaa so,
Na yɛnkɔ so nyɛ baako daa,
Onyankopɔn hyira Ɔman Ghana,
Na ma w'anuonyam nni yɛn kan daa