Asanteman Wura
Wo ne Otumfuor Nyamekɛse
Agya Wo a na Wo ne Sikadwa te
Ɛyɛ Wo nkoaa ne Otumfour
Tweaduampɔn, Onyamekɛse ne Wo
Otekɔkɔɔso, Onyame ne Wo, Wo ne Otumfour Nyankopɔn
Wo nkoaa ne Otumfo Nyankopɔn
Tweaduampɔn, Onyame ne Wo
Atu hene asi hene
Me Onyame ne Wo
Wo ne Otumfour Nyamekɛse
Ɛyɛ Wo nkoaa na Asanteman yɛ wo deɛ
Ahene mu hene
Yɛn Nyame a ne Wo
Ɛfiri sɛ,
ɛyɛ Wo ne Otumfour Nyamekɛse
Wo nkoaa ne Otumfour Nyamekɛse
Wo nkoaa ne Asantehene
Ɔsoro ne asaase yɛfoɔ Hene ne Wo,
Asante nkwagyeɛ botan me hene ne Wo
Ɛyɛ Wo ne Otumfour Osei Tutu Nyamekɛse
W'anim ne W'akyi Ohene biara nni hɔ
Anuonyam mu, ahoɔden mu, ahoɔfɛ mu, wɔ tumi mu
Ohene biara nni hɔ
Wo ne tumi
Wo ne Sikadwa
W'anim ne W'akyi tumi biara nni hɔ
Asanteman da w'ase