Verse 1
Wɔ bepɔw Karmel so, Baal akɔmfoɔ no
Fa nantwinini baako siesie de guu nnyina so,
Wɔbɔɔ Baal din firi anɔpa kosi anwummerɛ sɛ
Baal gye yɛn so! Baal gye yɛn so!
nanso obiara annye so,
Wɔ hurihuri twaa afɔrebukyia no hyia,
Na wɔde nne keseɛ teateaa mu
Na wɔde nkrantɛ twitwaa wɔn ho akam
Kosii sɛ mogya guu wɔn soɔ
Nanso hwee annsi—na wɔn ho yeraw wɔn.
Pre-Chorus
Abosom nni nkwa, na wontumi nkasa,
Wo nko ara ne Ɔkɛseɛ, wo na wodi tumi nyinaa so
Chorus
Onyankopɔn a womaa ogya firi soro bae
Sɛ yɛfrɛ wo a, wogye yɛn so
Wo na yɛbɛsom wo daa
Efisɛ obiara nnihɔ a ɔtesɛ wo
Ma ogya nsiane mmra bio, Awurade
Na Wiase Nyinaa ahunu sɛ
Wo ne Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no
Wo nsekyera da, na wote sɛnea woteyɛ daa
Verse 2
Elijah sɔre gyinaa, na ɔfaa aboɔ dumienu
Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, Awurade din mu
Ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no
asinasini de guu nnyina so
Ɔmaa ɔhwiee nsuo guu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nyinaa so
Ɔkaa sɛ menyɛ bio! momma no nyɛ mprɛnsa
Na odifoɔ elijah twe pinii afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ
Awurade, Abraham ne lsaac ne Israel Nyankopɔn
Gye me so, Awurade, gye me so
Na Ɔman yi nhunu sɛ wo Awurade ne Onyankopɔn
Pre-Chorus
Ɛnna Awurade gya bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa.
Na nnipa no teɛm sɛ: “Awurade ne Onyankopɔn!”
Chorus
Onyankopɔn a womaa ogya firi soro bae
Sɛ yɛfrɛ wo a, wogye yɛn so
Wo na yɛbɛsom wo daa
Efisɛ obiara nnihɔ a ɔtesɛ wo
Ma ogya nsiane mmra bio, Awurade
Na Wiase Nyinaa ahunu sɛ
Wo ne Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no
Bridge
Ma wo ogya no bra, Awurade
Hye yɛn akoma mu bɔne
Yi abosom nyinaa fi hɔ
Ma wo tumi nna adi
Ma wo ogya no bra, Awurade
Hye yɛn akoma mu bɔne
Ma nkwa foforɔ bra
Yɛteɛm sɛ wo ne Onyankopɔn
Chorus
Onyankopɔn a womaa ogya firi soro bae
Sɛ yɛfrɛ wo a, wogye yɛn so
Wo na yɛbɛsom wo daa
Efisɛ obiara nnihɔ a ɔtesɛ wo
Ma ogya nsiane mmra bio, Awurade
Na Wiase Nyinaa ahunu sɛ
Wo ne Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no
(Break)
Awurade ne Onyankopɔn!
Awurade ne Onyankopɔn!
Obi nni hɔ a ɔtɛsɛ wo!
(Break)
Awurade ne Onyankopɔn!
Awurade ne Onyankopɔn!
Obi nni hɔ a ɔtɛsɛ wo!
Final Chorus
Onyankopɔn a womaa ogya firi soro bae
Sɛ yɛfrɛ wo a, wogye yɛn so
Wo na yɛbɛsom wo daa
Efisɛ obiara nnihɔ a ɔtesɛ wo
Ma ogya nsiane mmra bio, Awurade
Na Wiase Nyinaa ahunu sɛ
Wo ne Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no
Final Chorus
Onyankopɔn a womaa ogya firi soro bae
Sɛ yɛfrɛ wo a, wogye yɛn so
Wo na yɛbɛsom wo daa
Efisɛ obiara nnihɔ a ɔtesɛ wo
Ma ogya nsiane mmra bio, Awurade
Na Wiase Nyinaa ahunu sɛ
Wo ne Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no